1Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ?
2Mese: Di ɔhene ɔhyɛ nsɛm so, ɛfiri sɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim.
3Mpɛ ntɛm mfiri ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ, na onii no anyɛ deɛ ɔpɛ biara.
4Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?”
5Deɛ ɔdi ne nhyɛ nsɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu,
6Adeyɛ biara wɔ ne ɛberɛ a ɛfata ne ɛkwan a wɔfa so yɛ,
7Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm enti,
8Obiara nni mframa so tumi na waboa ano;
9Mehunuu yeinom nyinaa ɛberɛ a medwenee nneɛma a wɔyɛ wɔ owia yi ase ho. Ɛberɛ bi wɔ hɔ a onipa hyɛ afoforɔ so ma ɛdane ɔhaw ma no.
10Bio, mehunuu sɛ wɔasie amumuyɛfoɔ, wɔn a anka wɔdi akɔneaba wɔ kronkronbea hɔ de gye nkamfo wɔ kuropɔn a wɔyɛɛ saa no mu. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
11Sɛ bɔne bi ho asotwe amma ntɛm a, nnipa dwene nhyehyɛeɛ a wɔde yɛ bɔne ho.
12Ɛwom sɛ omumuyɛfoɔ bi yɛ bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn no yie, wɔn a wɔdi Onyankopɔn ni no.
13Nanso ɛsiane sɛ amumuyɛfoɔ nsuro Onyankopɔn enti, ɛrensi wɔn yie na wɔn nna renware sɛ sunsumma.
14Adeɛ bi nso a ɛyɛ ahuhudeɛ a ɛsi wɔ asase so, ɛne sɛ, ateneneefoɔ bi nya akatua a ɛfata amumuyɛfoɔ, na amumuyɛfoɔ bi nya akatua a ɛfata ateneneefoɔ. Yei nso, mese ɛyɛ ahuhudeɛ.
15Enti mekamfo ewiase mu anigyeɛ, ɛfiri sɛ biribiara nni owia yi ase a ɛyɛ ma onipa sene sɛ ɔbɛdidi, anom ama nʼani agye. Na afei ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nʼadwumayɛ mu wɔ nna a Onyankopɔn ama no wɔ owia yi ase nyinaa.
16Ɛberɛ a mepɛ sɛ mɛte nimdeɛ ase ne ɔbrɛ adwuma a onipa yɛ wɔ asase so a ɔnna awia anaa anadwo no,