1 Mose (Gyenesis) 10:1-31 TWIACB2020 - Bible AI

1Yeinom ne Noa mmammarima: Wɔn ne Sem, Ham ne Yafet asefoɔ. Wɔwowoo mmammarima nsuyire no akyiri.

2Yafet asefoɔ nie:

3Gomer asefoɔ nie:

4Yawan asefoɔ nie:

5Na wɔn asefoɔ bɛyɛɛ ɛpo so adwumayɛfoɔ wɔ nsase ahodoɔ so a na abusuakuo biara ka ne kasa nko.

6Ham asefoɔ nie:

7Kus+ 10.7 Kus aman ahodoɔ nson no nyinaa wɔ Arabia.* asefoɔ nie:

8Kus woo Nimrod. Na Nimrod bɛyɛɛ ɔkofoɔ kɛseɛ wɔ asase so.

9Na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade* ahyira no, na wɔbɔ ne din ka asɛm. Na obiara a ɔyɛ akokoɔdurusɛm no, wɔde no toto Nimrod a na ɔyɛ ɔbɔmmɔfoɔ kɛseɛ a Awurade* ahyira no no ho.

10Nʼahennie hyɛɛ aseɛ wɔ Babilonia, Erek, Akad ne Kalne a, ne nyinaa wɔ Sinear+ 10.10 Sinear kyerɛ tete Babilonia.* asase so.

11Ɔfirii saa asase no so trɛɛ nʼahennie mu kɔɔ Asiria, kɔkyekyeree Ninewe. Rehobot-Ir, Kala ne

12Resen a ɛda Ninewe ne Kala ntam; ɛno na ɛyɛ kuro kɛseɛ wɔ saa ahemman no mu.

13Na Misraim woo

14Patrusfoɔ, Kasluhfoɔ ne Kaftorfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ+ 10.14 Filistifoɔ ase firi tu firii Kreta (Yer 47.4; Amos 9.7). Mfeɛ ɔha ne dumienu mu a ansa na wɔrewo Kristo no (AWK) na wɔdii Misraim so. Wɔpamoo wɔn firii Misraim no, wɔkɔbɔɔ atenaseɛ wɔ Kanaan mpoano.* agyanom.

15Na Kanaan woo nʼabakan

16Yebusifoɔ, Amorifoɔ, Girgasifoɔ,

17Hewifoɔ, Arkifoɔ, Sinifoɔ,

18Arwadfoɔ, Semarifoɔ ne Hamatifoɔ.

19Kanaan nsase ahyeɛ trɛ firii Sidon kɔduruu Gerar de kɔsii Gasa kɔduruu Sodom ne Gomora, Adma, Seboim de kɔsi Lasa.

20Yeinom ne Ham asefoɔ a wɔn mmusuakuo, wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn aman da wɔn adi.

21Sem a na ne nua panin ne Yafet no nso woo mmammarima. Sem nananom ne Eber mma.

22Sem asefoɔ nie:

23Aram asefoɔ nie:

24Na Arfaksad woo Sela,

25Eber woo mmammarima baanu.

26Yoktan woo

27Hadoram, Usal, Dikla,

28Obal, Abimael, Seba,

29Ofir, Hawila ne Yobab.

30Asase a wɔte so no trɛ firi Mesa kɔsi Sefar, ɔmantam a ɛda bepɔ so wɔ apueeɛ fam no.

31Yeinom ne Sem mmammarima, sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn kasa, wɔn nsase ne wɔn amanaman te no.

>