1Yakob frɛɛ ne mmammarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛtwa me ho nhyia, na menka mo deɛ ɛbɛba mo so.
2“Yakob mmammarima, mommoaboa mo ho ano, na montie;
3“Ruben, wo na woyɛ mʼabakan.
4Woyɛ kirikiri sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio,
5“Simeon ne Lewi yɛ anuanom.
6Mma me nkɔka wɔn agyinatuo ho,
7Nnome nka wɔn abufuo, ɛfiri sɛ, ano yɛ den,
8“Yuda, wo nuammarimanom bɛyi wo ayɛ.
9Ao, Yuda, woyɛ gyata ba a
10Ahempoma remfiri Yuda nsam,
11Ɔbɛsa nʼafunumu wɔ bobe dua mu.
12Nʼaniwa aba bɛbiri asene bobesa.
13“Sebulon bɛtena mpoano.
14“Isakar yɛ afunumu hoɔdenfoɔ a
15Sɛ ɔhunu sɛdeɛ nʼahomegyebea yɛ fa a,
16“Dan bɛbu ne manfoɔ atɛn
17Dan bɛyɛ sɛ ɔtweaseɛ a ɔda kwankyɛn;
18“Ao, Awurade*, wo nkwagyeɛ na meretwɛn.
19“Nnipa bɔnefoɔ bɛto ahyɛ Gad so,
20“Aser aduane a ɔdi no bɛyɛ aduane pa.
21“Naftali te sɛ ɔforoteɛ a wɔagyaa no a
22“Yosef yɛ ngo dua a ɛso aba,
23Agyantofoɔ kaa no hyɛeɛ,
24Nanso, ne bɛma no gyinaa pintinn,
25esiane Onyankopɔn a wʼagya somm no a ɔboa wo no;
26Wʼagya nhyira a wɔahyira no no
27“Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam;
28Yei ne nhyira a Israel mmusuakuo dumienu no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛdeɛ ɛfata no.
29Yakob rebɛwuo no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn sɛ, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanimfoɔ ho. Sɛ mewu a, monsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuo a wɔsiee me mpanimfoɔ mu no mu.
30Ɛno ne ɔboda ne afuo a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no firii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusieeɛ.
31Saa ɔboda no mu na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wɔsiee Isak ne ne yere Rebeka, na mesiee Lea nso.
32Me nana Abraham tɔɔ afuo no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa firii Hetifoɔ no nkyɛn.”