1Afei, Mose ne Israelfoɔ too saa dwom yi de kamfoo Awurade*:
2“Awurade* yɛ mʼahoɔden, me dwom
3Awurade* yɛ ɔkofoɔ;
4Farao nteaseɛnam ne nʼakodɔm, wato wɔn agu
5Nsuo akata wɔn so.
6Wo nsa nifa, Ao, Awurade*,
7“Wo tumi kɛseɛ no mu,
8Wogu ahome a,
9Ɔtamfoɔ de ahomasoɔ kaeɛ sɛ,
10Nanso, Onyankopɔn bɔɔ ne mframa
11Hwan na ɔte sɛ Awurade* wɔ anyame mu?
12“Wotenee wo nsa nifa
13Woadi nnipa a wogyee wɔn no anim,
14Amanaman tee asɛm a ɛsiiɛ ma wɔn ho popoeɛ.
15Edom mpanimfoɔ ho adwiri wɔn.
16Ehu ne suro afa wɔn so.
17Wode wɔn bɛba abɛdua wɔn
18“Awurade* bɛdi ɔhene
19Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafoɔ ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa ɛpo no mu; nanso, Awurade* buu nsuo afasuo no guu wɔn so ɛberɛ a na Israelfoɔ no nam mu sɛ asase wesee no.
20Ɛhɔ na Odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nuabaa faa twene bi bɔ de dii mmaa no anim ma wɔsaeɛ.
21Ɛnna Miriam too saa dwom yi:
22Afei, Mose dii Israelfoɔ no anim ne wɔn tu firii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur ɛserɛ so. Na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa a wɔannya nsuo annom.
23Wɔduruu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsuo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ nwono. Ɛno enti na wɔfrɛ hɔ Mara no; aseɛ ne: Nwononwono.
24Afei, nnipa no danee wɔn ani tiaa Mose sɛ, “Osukɔm nku yɛn anaa?”
25Mose srɛɛ Awurade* sɛ ɔmmoa wɔn, na Awurade* kyerɛɛ no dua bi. Na ɔtoo dubaa no too nsuo no mu, na ɛyɛɛ dɛ maa wɔtumi nomeeɛ.
26“Sɛ mobɛtie Awurade* mo Onyankopɔn nne, na moayɛ ɔsetie, ayɛ ade tenenee deɛ a, yadeɛ a mema ɛbɔɔ Misraimfoɔ no, meremma bi mmɔ mo, ɛfiri sɛ, mene Awurade* a mesa mo nyarewa.”