1Awurade* ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2“Mayi Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nana a ɔfiri Yuda abusua mu
3de Onyankopɔn Honhom ahyɛ no ma. Mama no nyansa, tumi ne adwene a ɔde bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no ayɛ biribiara a ɛwɔ mu.
4Ɔyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere ho dwumfoɔ kɛseɛ.
5Ɔwɔ agudeɛ adwinneɛ ne nnuasene ho nimdeɛ nso.
6Mayi Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne ɔboafoɔ.
7“sɛ ɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan,
8sɛ ɛyɛ ɛpono no ne ɛso nneɛma;
9sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia ne ɛho nneɛma;
10sɛ ɛyɛ ɔsɔfoɔ Aaron ntadeɛ kronkron fɛfɛ no
11anaasɛ ɔsra ngo no ne kronkronbea hɔ aduhwam.
12Afei, Awurade* ka kyerɛɛ Mose sɛ,
13“Ka kyerɛ wo nkurɔfoɔ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ ɛduru homeda a, wɔnhome, ɛfiri sɛ, saa homeda no na daa ɛkae apam a me ne mo apam no. Ɛboa mo ma mokae sɛ mene Awurade* a meyɛ mo kronkron no.
14“ ‘Monhome homeda no, ɛfiri sɛ, ɛyɛ ɛda kronkron. Obiara a ɔbɛbu saa mmara yi so no, ɔbɛwu. Na deɛ ɔbɛyɛ adwuma saa ɛda no nso, wɔbɛkum no.
15Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade*. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma homeda no, wɔbɛkum no.
16Momfa nna nsia nyɛ mo nnwuma nyinaa, ɛfiri sɛ, ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda kronkron ma Awurade*. Saa mmara yi yɛ apam ne ahyɛdeɛ a ɛwɔ hɔ daa ma Israelfoɔ.
17Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfoɔ ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Ɛfiri sɛ, nna nsia mu na Awurade* de bɔɔ ɔsoro ne asase, ɛnna ɔhomee ɛda a ɛtɔ so nson no.’ ”