2 Samuel 22:1-50 TWIACB2020 - Bible AI

1Ɛberɛ a Awurade gyee Dawid firii nʼatamfoɔ nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade* ayɛ.

2Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu nie:

3me Onyankopɔn yɛ me botan; ne mu na menya banbɔ.

4“Mesu frɛ Awurade*; ɔno na ayɛyie sɛ no,

5Owuo asorɔkye twaa me ho hyiaeɛ;

6Damena nhoma kyekyeree me;

7“Na mʼamanehunu mu no, mesu mefrɛɛ Awurade*.

8Na asase wosoeɛ na ɛhinhimeɛ;

9Wisie firii ne hwene mu;

10Ɔfirii ɔsoro baa fam;

11Ɔte Kerubim so tuiɛ;

12Ɔde sum kataa ne ho hyiaeɛ,

13Hann kɛseɛ hyerɛn wɔ nʼanim,

14Awurade* bobɔɔ mu firi soro;

15Ɔtoo nʼagyan maa nʼatamfoɔ hweteeɛ;

16Awurade* kasaeɛ,

17“Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu;

18Ɔgyee me firii mʼatamfoɔ a wɔyɛ den nsam,

19Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu,

20Ɔde me baa baabi a banbɔ wɔ;

21“Awurade* ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ;

22Ɛfiri sɛ, manante Awurade* akwan so;

23Ne mmara nyinaa gu mʼanim;

24Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim;

25Awurade* tuaa me papayɛ so ka,

26“Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ,

27Woyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni,

28Wogye ahobrɛasefoɔ,

29Ao Awurade*, woyɛ me kanea.

30Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu;

31“Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ;

32Hwan ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade*?

33Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den;

34Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforoteɛ deɛ;

35Ɔsiesie me ma ɔko;

36Woama me wo nkwagyeɛ kyɛm.

37Woabɔ ɛkwan tɛtrɛɛ ama me nan

38“Metaa mʼatamfoɔ so sɛee wɔn;

39Meyamoo wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre;

40Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko;

41Womaa wɔdanee wɔn ani dwaneeɛ,

42Wɔsu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammɛgye wɔn.

43Meyamoo wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfuturo;

44“Womaa me nkonimdie wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so.

45Ananafoɔ brɛ wɔn ho ase ma me;

46Wɔn nyinaa bɔ huboa,

47“Awurade* te ase! Ayɛyi nka me botan,

48Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ wɔn a wɔha me so awere;

49na ɔgye me firi mʼatamfoɔ nsam.

50Ao Awurade* yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu nyinaa;

Copyright © 2020 Biblica, Inc.
div>