1Monhwɛ yie na monni mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛtena ase na moadɔɔso na moakɔ asase a Awurade* kaa ntam de hyɛɛ mo agyanom bɔ no na moatena so.
2Monkae sɛdeɛ Awurade* mo Onyankopɔn dii mo anim faa ɛserɛ so mfeɛ aduanan, nam so brɛɛ mo ase de sɔɔ mo suban hwɛeɛ sɛ mobɛdi ne mmara so anaasɛ morenni so no.
3Nokorɛm, ɔmaa ɛkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase, ɛnna ɔmaa mo mana, aduane a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Awurade* asɛm.
4Mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, mo ntadeɛ antete, na mo nan ammɔ mpumpunnya na anhonhono nso.
5Enti, deɛ ɛsɛ sɛ mohunu ne sɛ, sɛdeɛ ɔbaatan tea ne ba no, saa ara nso na Awurade* mo Onyankopɔn tea mo de boa mo.
6Monni Awurade* mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ so na monnante nʼakwan so na momfa anidie mma no.
7Ɛfiri sɛ, mo Awurade* de mo rekɔ asase pa so—asase a asutene, mmura ne nsutire resene wɔ bɔnhwa ne mmepɔ mu;
8asase a atokoɔ, ayuo, bobe, borɔdɔma, ateaa, ngo dua ne ɛwoɔ wɔ so.
9Ɛyɛ asase a aduane abu wɔ so a biribiara wɔ so; ɛyɛ asase a fagudeɛ dadeɛ abu so te sɛ aboɔ, na sumpii nso nyɛ na wɔ ne mmepɔ mu.
10Sɛ modidi mee a, monhyira Awurade* mo Onyankopɔn wɔ asase pa a ɔde ama mo no enti.
11Nanso, monhwɛ yie na mo werɛ amfiri Awurade* mo Onyankopɔn a morenni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ a merehyɛ mo ɛnnɛ yi so.
12Anyɛ saa a, sɛ modidi na momee na mosisi mo afie fɛfɛ, na mokɔtena mu
13na mo anantwie ne nnwan ase dɔre, na monya dwetɛ ne sika pii, na mo agyapadeɛ nyinaa dɔɔso
14a, saa ɛberɛ no na ɛsɛ sɛ mohwɛ yie. Monnyɛ ahomasoɔ na mommma mo werɛ mfiri Awurade* mo Onyankopɔn a ɔyii mo firii Misraim nkoasom asase so no.
15Mommma mo werɛ mfiri sɛ ɔno na ɔdii mo anim yii mo firii ɛserɛ a na ɛso yɛ hu so. Ɔno na ɔyii mo firii asase a ɛso yɛ hye, a awɔ ne anyanyankyerɛ a wɔn ano wɔ borɔ wɔ so no so. Ɔmaa mo nsuo firi ɔbotan mu.
16Ɔmaa mo mana aduane a mo agyanom nnim diiɛ wɔ ɛserɛ so. Ɔyɛɛ yei de brɛɛ mo ase, de sɔɔ mo hwɛeɛ wɔ mo ankasa yiedie mu.
17Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnsɛ sɛ modwene sɛ mo ahonya no firi mo ankasa mo ahoɔden mu.
18Daa monkae sɛ, Awurade* mo Onyankopɔn a ɔma mo tumi ma moyɛ adefoɔ no, ɔyɛ saa de dii apam a ɔne mo agyanom hyɛeɛ no so.
19Na mereka akyerɛ mo sɛ, sɛ mo werɛ firi Awurade*, mo Onyankopɔn, na mokɔdi anyame foforɔ akyi, som wɔn, koto wɔn a, sɛeɛ na wɔbɛsɛe mo.