Hagai 1:1-14 TWIACB2020 - Bible AI

1Ɔbosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi ɛkan wɔ Ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu so no, Awurade* nam Odiyifoɔ Hagai so, de asɛm maa Sealtiel babarima ne Yuda amrado Serubabel ne Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua.

2Asɛm a Asafo Awurade* ka nie: “Nnipa no reka sɛ, ‘Ɛberɛ no nnya nnuruiɛ sɛ wɔsi Awurade* fie no.’ ”

3Afei, Awurade* de saa asɛm yi faa Odiyifoɔ Hagai so:

4“Saa ɛberɛ yi a me fie yi abubuo yi, ɛna mo deɛ motete mo afie a wɔaduradura mu yi anaa?”

5Asɛm a, Asafo Awurade* ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie.

6Moduaa bebree, nanso motwaa kakraa bi. Modidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntadeɛ, nanso ɛnka mo hye. Monya akatua, na mode gu sikabɔtɔ a wɔatuetue mu ntokuro mu.”

7Asɛm a Otumfoɔ Awurade* ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie.

8Afei, momforo nkɔ nkokoɔ no atifi, na momfa nnua mmra mmɛsi me fie no. Na mʼani bɛgye ho, na wɔahyɛ me animuonyam.” Saa na Awurade* ka.

9“Mo ani daa bebree so, nanso ɛyɛɛ kakraa bi. Na mode baa fie no, mehu guiɛ. Ɛdeɛn ntira?” Ɛfiri sɛ, “me fie abubu.” Saa na Asafo Awurade* ka, “ɛberɛ a mo ani abere resisi mo afie.

10Mo enti na ɔsoro akyere ɛbɔ agyina, na asase nso akyere mo mfudeɛ.

11Mahyɛ ɔpɛ sɛ ɛnsi mo mfuo ne nkokoɔ so; ɔpɛ a ɛbɛhye mo atokoɔ ne mo bobe ne mo ngo dua ne mo mfudeɛ, ɛbɛyɛ ɔpɛ a ɛbɛsi mo ne mo anantwie mu, na asɛe dwuma biara a mode mo nsa adi.”

12Ɛnna Sealtiel babarima Serubabel, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no tiee asɛm a ɛfiri Awurade*, wɔn Onyankopɔn, ne Odiyifoɔ Hagai a Awurade*, wɔn Onyankopɔn, asoma no no. Na nnipa no de osuro maa Awurade*.

13Na Hagai, Awurade* somafoɔ no, de saa asɛm yi a ɛfiri Awurade* nkyɛn maa nkurɔfoɔ no: “Meka mo ho.” Saa na Awurade* seɛ.

14Ɛno enti, Awurade* kanyanee Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no nyinaa. Wɔbɛhyɛɛ wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo Awurade*, wɔn Onyankopɔn, fie no ase,

Copyright © 2020 Biblica, Inc.