Mmɛbusɛm 3:1-34 TWIACB2020 - Bible AI

1Me ba, mma wo werɛ mfiri me nkyerɛkyerɛ,

2na ɛbɛma wo nkwa aware, mfeɛ bebree

3Mma adɔeɛ ne nokorɛ mfiri wo nkyɛn

4Na wobɛnya adom ne din pa

5Fa wʼakoma nyinaa to Awurade* so

6hunu no wʼakwan nyinaa mu,

7Nnye wo ho nni sɛ woyɛ onyansafoɔ

8Ɛde ahoɔden bɛbrɛ wo onipadua

9Fa wʼahonya hyɛ Awurade* animuonyam,

10na ɛno na ɛbɛma wo pata ayɛ ma abu so,

11Me ba, sɛ Awurade* tene wo so a, tie no yie,

12Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade* pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,

13Nhyira nka onipa a ɔhunu nyansa,

14ɛfiri sɛ, nimdeɛ ho mfasoɔ sene dwetɛ,

15Ne boɔ yɛ dene sene bota;

16Nkwa tenten wɔ ne nsa nifa mu;

17Nʼakwan yɛ ahomeka,

18Ɔyɛ nkwa dua ma wɔn a wɔsɔ ne mu;

19Nyansa mu na Awurade* yɛɛ asase fapem,

20Ɛfiri ne nimdeɛ mu na ɔkyekyɛɛ ebunu mu,

21Me ba, fa atemmuo pa ne nhunumu sie,

22ɛbɛyɛ nkwa ama wo,

23Afei wo kwan so bɛyɛ wo dwoodwoo,

24sɛ woda a worensuro;

25Nsuro mpofirim amanehunu

26Ɛfiri sɛ, Awurade* bɛyɛ wʼawerɛhyɛm

27Mfa ade pa nkame wɔn a wɔfata,

28Nka nkyerɛ wo yɔnko sɛ:

29Mpam ɔhaw mma wo yɔnko

30Mfa ɛso nto obi so kwa

31Mma wʼani mmere basabasayɛfoɔ,

32ɛfiri sɛ Awurade* kyiri basabasayɛfoɔ

33Awurade* nnome wɔ omumuyɛfoɔ efie so,

34Ɔdi fɛdifoɔ a wɔyɛ ahantan ho fɛ

Copyright © 2020 Biblica, Inc.
iv>