Mmɛbusɛm 7:1-27 TWIACB2020 - Bible AI

1Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu.

2Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ.

3Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so.

4Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,” na frɛ nteaseɛ wo busuani;

5Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho, afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho.

6Me fie mpomma ano mede mʼani faa ntokua mu.

7Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu, mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso, ɔbabunu a ɔnni adwene.

8Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie so a nʼani kyerɛ ɔbaa no fie

9ɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ, na animu rebiribiri no.

10Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no a wasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam.

11(Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena efie koraa;

12ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem, ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.)

13Ɔsɔɔ ne mu fee nʼano wamfɛre, na ɔkaa sɛ,

14“Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie; ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so.

15Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahunu wo!

16Mato me mpa mede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim.

17Mede nnuhwam apete me mpa so: kurobo, pɛperɛ ne sinamon.

18Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa;

19Me kunu nni efie; watu kwan na ɔbɛkyɛre.

20Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ ma na ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.”

21Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn; ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ.

22Ɔdii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ, anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mu

23kɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie mu na ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.

24Na afei, me mma, montie me; monyɛ aso mma deɛ meka.

25Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne so na mommane mfa nʼakwan so.

26Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.

27Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn a ɛkɔ owuo mpia mu.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0.
iv>