Nnwom 10:1-18 TWIACB2020 - Bible AI

1Adɛn enti, Ao Awurade, na wogyina akyirikyiri saa? Adɛn enti na wode wo ho ahinta wɔ amanehunu mmerɛ mu yi?

2Ɔmumuyɛfoɔ de ahantan taataa mmɔborɔfoɔ, wɔn a mfidie a wɔasunsum yi wɔn.

3Ɔde deɛ nʼakoma hwehwɛ hoahoa ne ho; ɔhyira ɔdifodepɛfoɔ, na ɔyi Awurade ahi.

4Ahantan enti, omumuyɛfoɔ nhwehwɛ Awurade; na Onyankopɔn nni ne nsusuiɛ nyinaa mu.

5Nʼakwan nyinaa mu, ɔdi yie; ɔma ne ho so, na wo mmara mfa ne ho; na ɔdi nʼatamfoɔ nyinaa ho fɛw.

6Ɔka kyerɛ ne ho sɛ: “Biribiara mma me nhinhim; mʼani bɛgye daa, na merenkɔ amanehunu mu da.”

7Nnome, atorɔ ne ahunahuna ahyɛ nʼanom ma; Ɔhaw ne mmusuo hyɛ ne tɛkrɛma ase.

8Ɔtɛ wɔ nkuraase; ɔfiri atɛeɛ kum deɛ ɔnnim hwee, na ɔhwɛ wɔn a ɔrepɛ wɔn akum wɔn.

9Ɔte sɛ gyata a wahinta; ɔtɛ sɛ ɔbɛkyere mmɔborɔni; ɔkyere wɔn twe wɔn ase de wɔn kɔ ne bɔn mu.

10Ɔdwerɛ wɔn a ɔkyere wɔn no ma wɔtɔ baha; na ɔde nʼahoɔden ka wɔn hyɛ.

11Ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Onyankopɔn werɛ afi; wayi nʼani afiri so na ɔnhunu.”

12Sɔre, Awurade! Ma wo nsa so, Ao Onyankopɔn. Mma wo werɛ mfiri wɔn a wɔnni aboafoɔ.

13Adɛn enti na omumuyɛfoɔ yi Onyankopɔn ahi? Adɛn enti na ɔka kyerɛ ne ho sɛ, “Ɔremfrɛ me akontabuo so?”

14Nanso wo, Ao Onyankopɔn, wohunu amanehunu ne ɔhaw; na wayɛ wʼadwene sɛ wobɛhwɛ. Mmɔborɔni de ne ho ma wo; wo na woyɛ awisiaa ɔboafoɔ.

15Bubu omumuyɛfoɔ ne ɔbɔnefoɔ aprɛ; frɛ no na ɔmmɛbu nʼamumuyɛ ho nkontaa, amumuyɛ a anka wɔrenhunu no.

16Awurade yɛ ɔhene daa nyinaa; amanaman no bɛyera nʼasase so.

17Ao Awurade, wotie awiɛmfoɔ adesrɛ; wohyɛ wɔn nkuran, na wotie wɔn sufrɛ,

18na wodi ma awisiaa ne deɛ wɔhyɛ ne soɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔdasani a ɔfiri asase so renhunahuna obiara bio. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0.
>