Nnwom 113:1-9 TWIACB2020 - Bible AI

1Monkamfo Awurade. Ao, mo Awurade asomfoɔ, monkamfo no, monkamfo Awurade din.

2Momma wɔnkamfo Awurade din, seesei ne daa nyinaa.

3Ɛfiri baabi a owia pue kɔsi faako a ɔkɔtɔ, ma wɔnkamfo Awurade din.

4Wɔama Awurade so aman nyinaa so, nʼanimuonyam tra ɔsorosoro.

5Hwan na ɔte sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn, Ɔbaako no a ɔdi ɔhene wɔ ɔsorosoro,

6ɔno na ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsorosoro ne asase.

7Ɔma ahiafoɔ so firi mfuturo mu na ɔpagya onnibie firi nso sie so;

8ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, wɔn nkurɔfoɔ mmapɔmma mu.

9Ɔbɔ obonini atenaseɛ wɔ ne fie sɛ ɔbaatan a nʼani gyeɛ. Monkamfo Awurade.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0.
>