Nnwom 124:1-8 TWIACB2020 - Bible AI

1Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka.

2Sɛ anka Awurade nni yɛn afa ɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so,

3ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a, anka wɔmenee yɛn anikann;

4anka nsuyire no bu faa yɛn so, anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ,

5anka nsuo a ano yɛ den no afa yɛn kɔ.

6Nkamfoɔ nka Awurade a wɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu.

7Yɛadwane sɛ anomaa afiri afirisumfoɔ afidie mu; afidie no mu abubu, ama yɛanya ɛkwan adwane.

8Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0.
>