Nnwom 128:1-6 TWIACB2020 - Bible AI

1Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade, na wɔnante nʼakwan so.

2Wobɛdi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea.

3Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba wɔ wo fie; na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri atwa wo ɛpono ho ahyia.

4Yei ne onipa a wɔahyira noɔ, deɛ ɔsuro Awurade no.

5Awurade nhyira wo mfiri Sion wo nkwa nna nyinaa; na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ,

6na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma. Asomdwoeɛ nka Israel.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0.
>