Nnwom 133:1-3 TWIACB2020 - Bible AI

1Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ fɛ sɛ anuanom bom tena faako!

2Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam, na ɛsiane kɔgu bɔgyesɛ mu, ɛsiane kɔgu Aaron bɔgyesɛ mu, ma ebi kɔgu nʼatadeɛ abakɔn so.

3Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛtɔ gu Bepɔ Sion so. Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira, nkwa a ɛtoɔ ntwa da no.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0.
>