Nnwom 138:1-8 TWIACB2020 - Bible AI

1Ao Awurade, mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ayi wo ayɛ; mɛto wʼayɛyie dwom wɔ anyame no anim.

2Mede mʼani bɛkyerɛ wʼasɔredan kronkron no, akoto wo na makamfo wo din wɔ wʼadɔeɛ ne wo nokorɛdie enti ɛfiri sɛ wɔapagya wo din ne wʼasɛm no asene nneɛma nyinaa.

3Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so; womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ.

4Ao Awurade, sɛ ahemfo a ɛwɔ ewiase nyinaa te wʼanomu asɛm a ma wɔn nkamfo wo.

5Ma wɔnto Awurade akwan ho nnwom, na Awurade animuonyam yɛ kɛseɛ.

6Ɛwom sɛ Awurade wɔ ɔsorosoro deɛ, nanso ɔhwɛ mmɔborɔfoɔ, na ahantanfoɔ deɛ, ɔhunu wɔn akyirikyiri.

7Ɛwom sɛ menam ɔhaw mu deɛ, nanso wobɔ me nkwa ho ban; wotene wo nsa wɔ mʼatamfoɔ abufuo so, na wode wo nsa nifa gye me nkwa.

8Awurade bɛma deɛ wahyehyɛ ama me no aba mu; Ao Awurade, wʼadɔeɛ wɔ hɔ daa, nnyaa wo nsa ano adwuma hɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0.
>