Nnwom 147:1-20 TWIACB2020 - Bible AI

1Monkamfo Awurade. Ɛyɛ sɛ wɔto ayɛyie dwom ma yɛn Onyankopɔn, ɛyɛ fɛ na ɛfata sɛ wɔkamfo no!

2Awurade kyekyere Yerusalem; Ɔboaboa Israel nnommumfoɔ ano.

3Ɔsa wɔn a wɔn akoma abotoɔ yadeɛ na ɔkyekyere wɔn akuro.

4Ɔnim nsoromma no dodoɔ na ɔde obiara din frɛ no.

5Yɛn Awurade so, na ne tumi yɛ kɛseɛ; yɛrente nʼase nwie.

6Awurade wowa ahobrɛasefoɔ na ɔtoto amumuyɛfoɔ hwe fam.

7Monto aseda nnwom mma Awurade. Momfa sankuo nto dwom mma yɛn Onyankopɔn.

8Ɔde omununkum kata ɔsoro ani; ɔde osutɔ ma asase ma ɛserɛ nyini wɔ nkokoɔ so.

9Ɔma anantwie aduane na sɛ anene mma su a, ɔma wɔn aduane.

10Ɛnyɛ ɔpɔnkɔ ahoɔden na nʼani sɔ na ɛnyɛ onipa ahoɔden nso.

11Na mmom, Awurade ani sɔ nnipa a wɔsuro no, wɔn a wɔde wɔn ho to nʼadɔeɛ a ɛnsa da no so no.

12Momma Awurade so, Ao Yerusalem; kamfo wo Onyankopɔn, Ao Sion,

13ɔma wʼapono akyi adaban yɛ den na ɔhyira wo nkurɔfoɔ a wɔte wo mu.

14Ɔma wʼahyeɛ so dwo na ɔde ayuo amapa ma wo.

15Ɔsoma nʼahyɛdeɛ kɔ asase so; nʼasɛm tu mmirika ntɛm so.

16Ɔtrɛ sukyerɛmma mu sɛ odwan ho nwi, na ɔpete obosuo nsukyeneeɛ sɛ nsõ.

17Ɔtoto asukɔtweaa gu fam sɛ mmosea. Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼawɔ denden no ano?

18Ɔsoma nʼasɛm no ma ɛnane no; ɔhwanyane ne mframa, na nsuo tene.

19Wada nʼasɛm adi akyerɛ Yakob, ne mmara ne ɔhyɛ nsɛm akyerɛ Israel.

20Ɔnyɛɛ yei mmaa aman foforɔ biara; wɔnnim ne mmara. Monkamfo Awurade!

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0.
v>