1Momfa ahurisie nto dwom mma Awurade*, mo teneneefoɔ,
2Momfa sankuo nkamfo Awurade*;
3Monto dwom foforɔ mma no.
4Awurade* asɛm tene, na ɛyɛ nokorɛ
5Awurade* dɔ teneneeyɛ ne atɛntenenee.
6Awurade* asɛm so na wɔnam yɛɛ ɔsorosoro,
7Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo;
8Momma asase sofoɔ nyinaa nsuro Awurade*;
9Ɔno na ɔkasaeɛ na ɛbaa mu
10Awurade* sɛe amanaman no nhyehyɛeɛ;
11Nanso, Awurade* nhyehyɛeɛ tim hɔ daa,
12Nhyira ne ɔman a ne Onyankopɔn ne Awurade*,
13Awurade* hwɛ adasamma nyinaa firi soro.
14Ɔfiri nʼatenaeɛ hwɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa.
15Ɔno ne deɛ ɔbɔɔ wɔn nyinaa akoma,
16Ɛnyɛ ɔhene akodɔm kɛseɛ na ɛbɛgye no;
17Ɔpɔnkɔ mu ahotosoɔ yɛ kwa wɔ nkwagyeɛ mu;
18Nanso Awurade* ani wɔ wɔn a wɔsuro no no so,
19sɛ ɔbɛgye wɔn afiri owuo mu
20Yɛde anidasoɔ twɛn Awurade*;
21Ne mu na yɛn akoma di ahurisie,