Nnwom 39:1-13 TWIACB2020 - Bible AI

1Mekaa sɛ, “Mɛhwɛ mʼakwan yie na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne; mɛto mʼano nnareka ɛberɛ a amumuyɛfoɔ bɛne me yi.

2Nanso brɛ a meyɛɛ komm a manka asɛm papa biara mpo no mʼapinisie mu yɛɛ den.

3Mʼakoma ho dwanee no wɔ me mu na metee nka sɛ ogya redɛre wɔ me mu na afei mede me tɛkrɛma kasaeɛ sɛ:

4“Ao Awurade, ma menhunu me nkwa awieeɛ ne me nna dodoɔ; ma menhunu sɛdeɛ me nkwa twa mu ntɛm so.

5Woayɛ me nna sɛ nsateakwaa baako pɛ; na me mfeɛ dodoɔ nyɛ hwee wɔ wʼani so. Onipa nkwa yɛ ahomeɛ bi kɛkɛ.

6Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsum bi kwa; ɔha ne ho, nanso ɔyɛ kwa; ɔboa ahonya ano, na ɔnnim deɛ ɛbɛyɛ ne dea.

7“Afei Awurade ɛdeɛn na merehwehwɛ? Mʼanidasoɔ wɔ wo mu.

8Gye me firi me bɔne nyinaa mu; mma mennyɛ nkwaseafoɔ aseredeɛ.

9Meyɛɛ komm, na mammue mʼano ɛfiri sɛ, wo na woayɛ yei.

10Yi wʼasotwe firi me so; wo nsa ano amanehunu amene me.

11Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho; wosɛe wɔn ahonya te sɛ nweweboa onipa biara yɛ ahomeɛ kɛkɛ.

12“Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ, tie me sufrɛ; nsi wʼaso wɔ me su ho Me ne wo te hɔ sɛ ɔhɔhoɔ, sɛdeɛ na mʼagyanom nyinaa teɛ no.

13Yi wʼani firi me so na manya anigyeɛ bio ansa na mafiri ha a mente ase bio.” Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0.
>