1Mesu mefrɛɛ Onyankopɔn srɛɛ mmoa;
2Ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, mehwehwɛɛ Awurade;
3Ao Onyankopɔn mekaee wo, na mesii apinie;
4Woamma mʼani ankum;
5Medwenee nna a atwam no ho,
6mekaee me nnwom a na meto no anadwo.
7“Enti, Awurade* bɛpo yɛn daa?
8Nʼadɔeɛ a ɛnsa da atu ayera koraa anaa?
9Onyankopɔn werɛ afiri sɛ ɔbɛyɛ mmɔborɔhunufoɔ anaa?
10Afei, medwenee sɛ, “Onyankopɔn Ɔsorosoroni,
11Mɛkae nneɛma a Awurade* ayɛ;
12Mɛdwene wo nnwuma nyinaa ho
13Ao Onyankopɔn, wʼakwan yɛ kronn.
14Wone Onyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ;
15Wode wo tumi nsa no gyee wo nkurɔfoɔ,
16Ao Onyankopɔn, nsuo no hunuu wo,
17Omununkum tɔɔ nsuo,
18Wʼaprannaa boboom wɔ twahoframa no mu,
19Wode wo kwan faa ɛpo mu,