Nnwom 82:1-8 TWIACB2020 - Bible AI

1Onyankopɔn di ɔhene wɔ ɔsoro asafo mu; ɔbu atɛn wɔ “anyame” mu.

2“Wobɛbɔ wɔn a wɔnteneɛ ho ban na woayɛ animhwɛ ama amumuyɛfoɔ akɔsi da bɛn?

3Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban.

4Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani; monnye wɔn mfiri amumuyɛfoɔ nsam.

5“Wɔnnim hwee, na wɔnte hwee ase. Wɔkyinkyini wɔ esum mu; na asase fapem nyinaa woso.

6“Mekaa sɛ, ‘Moyɛ “anyame”; mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’

7Nanso, mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ; na moahwe ase sɛ sodifoɔ biara.”

8Ao Onyankopɔn, sɔre na bɛbu ewiase atɛn; ɛfiri sɛ amanaman nyinaa yɛ wo dea.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0.