Nnwom 96:1-13 TWIACB2020 - Bible AI

1Monto dwom foforɔ mma Awurade; asase nyinaa monto dwom mma Awurade.

2Monto dwom mma Awurade, na monkamfo ne din; mompae mu nka ne nkwagyeɛ no daa daa.

3Monka nʼanimuonyam wɔ amanaman mu, monka nʼanwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu.

4Awurade yɛ kɛseɛ na ɔfata ayɛyie; ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa.

5Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro.

6Animuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim; ahoɔden ne animuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ.

7Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.

8Momfa animuonyam ne din a ɛfata mma Awurade; momfa afɔrebɔdeɛ nhyɛne nʼadihɔ hɔ.

9Monsɔre Awurade wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu; asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim.

10Monka nkyerɛ aman nyinaa sɛ, “Awurade di ɔhene.” Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn na ɛnhinhim; ɔde pɛpɛyɛ bɛbu nnipa atɛn.

11Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurisie; momma ɛpo ne emu nneɛma nyinaa nworo;

12momma mfuo ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose. Nnua a ɛwɔ kwaeɛm de ahosɛpɛ bɛto dwom;

13wɔbɛto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba, ɔreba abɛbu asase no atɛn. Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn na woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokorɛ mu.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0.
>