Nnwom 98:1-9 TWIACB2020 - Bible AI

1Monto dwom foforɔ mma Awurade, ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree; ne nsa nifa ne ne basa kronkron no anya nkwagyeɛ ama no.

2Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ na wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no.

3Wakae nʼadɔeɛ ne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ; asase ano nyinaa ahunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.

4Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade, momfa nnwontoɔ nni ahurisie;

5Momfa sankuo nto dwom mma Awurade, sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ,

6momfa totorobɛnto ne nnwennini mmɛn, nteam ahosɛpɛ so wɔ Awurade, yɛn ɔhene no anim.

7Ɛpo ne abɔdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa monworo so; asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa.

8Momma nsubɔntene mmɔ wɔn nsam, mmepɔ nka mmom nto ahurisie dwom;

9ma wɔnto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu ewiase atɛn. Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0.