1Afei, ɔkyerɛɛ me ɔsɔfopanin Yosua+ 3.1 Yosua: Onipa korɔ yi ara na wɔbɔ ne din Yesua wɔ Hebri kasa mu wɔ Ɛsra ne Nehemia nwoma mu. Ɛha no, edin no gyina hɔ ma nnebɔneyɛfoɔman Israel (3.8-9).* a ɔgyina Awurade* ɔbɔfoɔ anim, na Satan gyina ne nifa so rebɛbɔ no soboɔ.
2Na Awurade* ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Awurade* nka wʼanim, Satan! Awurade* a Yerusalem yɛ ne dea no nka wʼanim. Saa ɔbarima yi nyɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu anaa?”
3Na Yosua hyɛ ntadeɛ fi ɛberɛ a ɔgyina ɔbɔfoɔ no anim.
4Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina nʼanim no sɛ, “Monnyi ne ho ntadeɛ fi no.”
5Afei, mekaa sɛ, “Momfa abotire a ani teɛ mmɔ ne ti.” Enti, wɔde abotire a ani teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atadeɛ, ɛberɛ a Awurade* ɔbɔfoɔ no gyina hɔ.
6Na Awurade* ɔbɔfoɔ de saa akwankyerɛ yi maa Yosua:
7“Yei ne deɛ Asafo Awurade* seɛ: ‘Sɛ wobɛyɛ ɔsetie ama me na woayɛ mʼapɛdeɛ a, ɛnneɛ wobɛdi me fie so na woahwɛ mʼabannwa so, na mɛma wo baabi atena wɔ nnipa a wɔgyinagyina ha yi mu.
8“ ‘Tie, Ao ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo nkurɔfoɔ a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wɔgyina hɔ ma nneɛma a ɛrebɛsisi: Mede me ɔsomfoɔ, Dubaa, no bɛba.
9Hwɛ, aboɔdenboɔ a mede asi Yosua anim! Ani nson na ɛtuatua saa ɛboɔ baako no ho, na mekrukyire atwerɛ bi wɔ so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade* seɛ nie, ‘na mede ɛda koro pɛ bɛpepa asase yi so bɔne.