Sefania 2:1-15 TWIACB2020 - Bible AI

1Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano, Ao, animguaseɛ ɔman,

2ansa na ɛberɛ a wɔahyɛ no aduru, na ɛda no resene te sɛ ntɛtɛ, ansa na Awurade abufuhyeɛ no aba mo so, ansa na Awurade abufuo ɛda no aba mo so.

3Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefoɔ a mowɔ asase so, mo a moyɛ nʼahyɛdeɛ. Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ; ebia ɔbɛkora mo Awurade abufuo ɛda no. Atemmuo A Ɛtia Filistia

4Wɔbɛgya Gasa na wɔagya Askelon sɛ kurofo. Owigyinaeɛ na ɔbɛma Asdod ada mpam na wɔatutu Ekron ase.

5Monnue mo a mote mpoano, Ao, mo Keretifoɔ; Awurade asɛm tia mo. Ao, Kanaan, Filistifoɔ asase. Mɛtɔre mo ase, na obiara renka.

6Asase a ɛda mpoano, baabi a Keretifoɔ teɛ bɛyɛ atenaeɛ ama nnwanhwɛfoɔ ne wɔn nnwammuo.

7Saa asase no bɛyɛ Yudafie nkaeɛfoɔ no dea; ɛhɔ na wɔbɛnya mmoa adidibea. Anwummerɛ wɔbɛdeda wɔ Askelon afie mu. Na Awurade, wɔn Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn, na ɔde wɔn ahonyadeɛ nyinaa bɛsane ama wɔn. Atemmuo A Ɛtia Moab Ne Amon

8“Mate Moab nsopa ne Amonfoɔ atweetweɛ; wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔ na wɔhunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.

9Enti, sɛ mete ase yi,” sɛdeɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie, “Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom, na Amonfoɔ ayɛ sɛ Gomora, baabi a ewira ne nkyɛn amena wɔ, asase a ɛda mpan afebɔɔ. Me ɔman nkaeɛ bɛfom wɔn afa; me manfoɔ a wɔbɛnya wɔn ti adidim bɛfa wɔn asase.”

10Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie, sɛ wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti.

11Awurade ho suro bɛba wɔn so ɛberɛ a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa. Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no, wɔ wɔn ankasa wɔn asase so. Atemmuo A Ɛtia Kus

12“Mo Etiopiafoɔ nso, mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo.” Atemmuo A Ɛtia Asiria

13Awurade bɛtene ne nsa wɔ atifi aman so na wasɛe Asiria, na wama Ninewe ada mpan koraa na ɛso awo wesee sɛ anwea pradada so.

14Nnwankuo ne anantwie bɛdeda hɔ, mmoadoma nyinaa. Ɛserɛ so patuo ne ɔbonsam anoma bɛtena nʼadum no so. Wɔn su bɛgyegye mpomma mu, mmubuiɛ bɛsisi apono ano akwan, mpunan a wɔde ntweneduro ayɛ no ho bɛdeda hɔ.

15Yei ne kuropɔn a ɛdi ahurisie na ɛte asomdwoeɛ mu. Ɔhoahoa ne ho sɛ, “Me ne no, obiara nte sɛ me.” Hwɛ sɛ deɛ atete apansam, na ayɛ nkeka mmoa atenaeɛ! Obiara a ɔtwam hɔ no sere no, hugya ne nsa fɛdie so.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0.
v>