1Yei ne deɛ Awurade* seɛ, “Siane kɔ Yudahene ahemfie na kɔpae mu ka saa asɛm yi:
2‘Tie Awurade* asɛm, Ao, Yudahene, wo a wote Dawid ahennwa so, wo, wʼadwumayɛfoɔ ne wo nkurɔfoɔ a wɔfa apono yi mu.
3Yei ne deɛ Awurade* seɛ: Monyɛ deɛ ɛtene na ɛda ɛkwan mu. Monnye deɛ wɔabɔ no korɔno mfiri ne hyɛsofoɔ nsam. Monnyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na monnhwie mogya a ɛdi bem ngu wɔ ha.
4Sɛ moyɛ ahwɛyie na modi saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛnneɛ ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so ne wɔn adwumayɛfoɔ ne wɔn nkurɔfoɔ bɛfa saa ahemfie apono yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so.
5Enti sɛ moanni saa nhyehyɛeɛ yi so a, Awurade* na ɔseɛ, Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfie yi bɛdane fituo.’ ”
6Deɛ Awurade* ka fa Yudahene ahemfie ho nie:
7Mɛsoma asɛefoɔ abɛtoa mo,
8“Nnipa a wɔfifiri aman bebree so bɛtwam wɔ kuropɔn yi so, na wɔbɛbisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Adɛn enti na Awurade* ayɛ saa kuropɔn kɛseɛ yi sei?’
9Na mmuaeɛ no bɛyɛ sɛ, ‘Ɛfiri sɛ, wɔagya Awurade*, wɔn Onyankopɔn apam no akɔsɔre anyame foforɔ asom wɔn.’ ”
10Monnsu ɔhene a wafiri mu, na monni ne ho awerɛhoɔ;
11Na yei ne deɛ Awurade* ka faa Yosia babarima Salum a ɔdii nʼagya adeɛ sɛ Yudahene na wafiri ha no ho: “Ɔrensane mma bio.
12Ɔbɛwu wɔ baabi a wɔafa no nnommum akɔ hɔ; na ɔrenhunu saa asase yi bio.”
13“Nnome nka deɛ ɔmfa ɛkwan tenenee so nsi nʼahemfie,
14Ɔka sɛ, ‘Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me ho
15“Wowɔ ntweneduro bebree a
16Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa wɔn,
17“Mo ani ne mo akoma
18Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade* ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho:
19Wɔbɛsie no sɛ afunumu.
20“Monkɔ Lebanon nkɔ su,
21Mebɔɔ wo kɔkɔ, ɛberɛ a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo,
22Mframa bɛbɔ wo nnwanhwɛfoɔ nyinaa akɔ,
23Mo a mote Lebanon,
24“Nokorɛm, sɛ mete ase yi,” Awurade* na ɔseɛ, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛɛ me nsa nifa so nsɔano kaa a, anka mɛworɔ wo.
25Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wosuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafoɔ.
26Mɛpam wo ne wo maame a ɔwoo wo akɔgu ɔman foforɔ so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, ɛhɔ na mo baanu bɛwuwu.
27Morensane mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsane aba so no bio.”
28Adɛn enti na saa ɔbarima Yehoiakin te sɛ ayowaa a abɔ,
29Ao, asase, asase, asase!