Yeremia 23:1-39 TWIACB2020 - Bible AI

1“Nnome nka nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe na wɔhwete me nnwankuo no” Awurade* na ɔseɛ.

2Ɛno enti yei ne deɛ Awurade*, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me nkurɔfoɔ so nie: “Esiane sɛ, moabɔ me nnwankuo ahweteɛ, na moapam wɔn na moanhwɛ wɔn so yie no enti, mede asotwe bɛbrɛ mo wɔ mo bɔne a moayɛ no nti,” deɛ Awurade* seɛ nie.

3“Me ara ankasa mɛboaboa me nnwan nkaeɛ no afifiri aman a mapam wɔn akɔ hɔ nyinaa no so na mede wɔn bɛsane aba wɔn adidibea bio, baabi wɔbɛwowo na wɔn ase atrɛ.

4Na mɛyi nnwanhwɛfoɔ a wɔbɛhwɛ wɔn so, na wɔrensuro na wɔremmɔ hu bio na wɔn mu baako mpo renyera.” Awurade* na ɔseɛ.

5“Nna bi reba,” Awurade* na ɔseɛ,

6Ne mmerɛ so, wɔbɛgye Yuda nkwa

7Na afei nna bi reba,” Awurade* na ɔseɛ, “a nnipa renka bio sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade* te ase yi, deɛ ɔyii Israelfoɔ firii Misraim,’

8na mmom, wɔbɛka sɛ, ‘Nokorɛm sɛ Awurade* te ase yi, deɛ ɔyii Israel asefoɔ firii atifi asase so ne aman nyinaa a ɔpamoo wɔn kɔɔ hɔ no so.’ Na afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase so.”

9Ɛfa adiyifoɔ no ho no:

10Awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma;

11“Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa nsuro Onyankopɔn;

12“Ɛno enti, wɔn ɛkwan so bɛyɛ torotorotoro;

13“Samaria adiyifoɔ mu no

14Na Yerusalem adiyifoɔ mu no

15Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade* seɛ fa adiyifoɔ no ho:

16Yei ne deɛ Asafo Awurade* seɛ:

17Wɔkɔ so ka kyerɛ wɔn a wɔbu me animtia sɛ,

18Na wɔn mu hwan na waka Awurade* agyinatufoɔ ho

19Hwɛ, Awurade* ahum

20Awurade* abufuo rennwo

21Mansoma saa adiyifoɔ yi,

22Sɛ wɔkaa mʼagyinatufoɔ ho a,

23“Meyɛ Onyankopɔn a mebɛn nko ara anaa,”

24Obi bɛtumi de ne ho asie baabi a

25“Mate deɛ adiyifoɔ a wɔde medin hyɛ nkɔmtorɔ no keka. Wɔkeka sɛ, ‘Mesoo daeɛ! Mesoo daeɛ!’

26Yei bɛkɔ so akɔsi da bɛn wɔ atorɔ adiyifoɔ yi akoma mu? Wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nnaadaa nkɔm?

27Wɔdwene sɛ daeɛ a wɔkeka kyerɛkyerɛ wɔn ho no bɛma me nkurɔfoɔ werɛ afiri me din, sɛdeɛ Baalsom enti wɔn agyanom werɛ firii me din no.

28Ma odiyifoɔ a waso daeɛ no nka nʼadaeso, na ma deɛ ɔwɔ mʼasɛm no nka no nokorɛm. Na ɛdeɛn na ntɛtɛ ne ayuo wɔ yɛ?” Awurade* na ɔseɛ.

29“Na mʼasɛm nte sɛ ogya?” Awurade* na ɔseɛ, “Ɛnte sɛ asaeɛ a ɛpaapae ɔbotan mu nketenkete anaa?

30“Ɛno nti,” Awurade* na ɔseɛ, “mekyi adiyifoɔ a wɔfa nsɛm a ɛfiri wɔn yɔnkonom nkyɛn, na wɔpae mu ka no sɛdeɛ ɛfiri me nkyɛn no.

31Aane,” Awurade* asɛm nie, “mekyi saa adiyifoɔ a wɔde wɔn ankasa tɛkrɛmawoɔ ka sɛ, ‘Awurade* na ɔseɛ.’

32Nokorɛm, mekyi wɔn a wɔhyɛ adaeɛso ho nkɔmtorɔ,” Awurade* na ɔseɛ. “Wɔka kyerɛ wɔn na wɔde atorɔ nsɛm daadaa me nkurɔfoɔ ma wɔfom ɛkwan, nso mensomaa wɔn na mennyii wɔn. Wɔn ho nni mfasoɔ mma saa nnipa yi koraa,” Awurade* na ɔseɛ.

33“Sɛ saa nnipa yi, anaa odiyifoɔ anaa ɔsɔfoɔ bisa mo sɛ, ‘Ɛdeɛn ne Awurade* adiyisɛm no a?’ Monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Adiyisɛm bɛn? Mɛpo mo, Awurade* na ɔseɛ.’

34Sɛ odiyifoɔ bi, ɔsɔfoɔ bi anaa obi foforɔ si so dua sɛ, ‘Awurade* adiyisɛm ni’ a, mɛtwe saa ɔbarima no ne ne fiefoɔ aso.

35Yei ne deɛ mo mu biara kɔ so ka kyerɛ ne yɔnko anaa ne busuani: ‘Awurade* mmuaeɛ ne sɛn?’ Anaa ‘Ɛdeɛn na Awurade* aka?’

36Nanso ɛnsɛ sɛ mobɔ ‘Awurade* adiyisɛm’ so bio; ɛfiri sɛ, obiara asɛm bɛyɛ nʼadiyisɛm, ne saa enti modanedane nsɛm a ɛfiri Onyankopɔn, Teasefoɔ, Asafo Awurade* yɛn Onyankopɔn nkyɛn mu.

37Yei ne deɛ mokɔ so ka kyerɛ odiyifoɔ: ‘Mmuaeɛ bɛn na Awurade* de ama mo?’ Anaa ‘Ɛdeɛn na Awurade* aka?’

38Ɛwom, mosi so dua sɛ, ‘Yei ne Awurade* adiyisɛm’ nanso sei na Awurade* ka: Mokaa sɛ, ‘Yei yɛ Awurade* adiyisɛm,’ wɔ ɛberɛ a maka akyerɛ mo sɛ monnka saa nsɛm yi bio.

39Afei, nokorɛm, me werɛ bɛfiri mo, na mapam mo ne kuropɔn a mede maa mo ne mo agyanom afiri mʼani so.

Copyright © 2020 Biblica, Inc.
iv>