1Ɔbosome a ɛtɔ so enum wɔ afe korɔ a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedie ahyɛaseɛ, afe a ɛtɔ so ɛnan no mu, odiyifoɔ Hanania a ɔyɛ Asur a ɔfiri Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me wɔ Awurade* efie ɛberɛ a na asɔfoɔ ne nnipa no nyinaa ahyia sɛ,
2“Yei ne deɛ Asafo Awurade*, Israel Onyankopɔn seɛ: ‘Mɛbubu Babiloniahene kɔnnua no.
3Mfeɛ mmienu mu no, mede Awurade* efie mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa firii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsane aba bio.
4Na mɛsane de Yehoiakin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommumfoɔ a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba bio’ sei na Awurade* seɛ, ‘na mɛbubu Babiloniahene kɔnnua no.’ ”
5Na odiyifoɔ Yeremia buaa odiyifoɔ Hanania wɔ asɔfoɔ ne nnipa a na wɔgyinagyina Awurade* efie no nyinaa anim.
6Ɔkaa sɛ, “Amen! Ma Awurade* nyɛ no saa! Ma Awurade* mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade* efie nneɛma no nyinaa ne nnommumfoɔ bɛfiri Babilonia asane aba ɛha yi no mmra mu.
7Nanso, tie asɛm a ɛsɛ sɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso teɛ:
8Ɛfiri tete no, adiyifoɔ a wɔdii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahennie akɛseɛ.
9Nanso odiyifoɔ a ɔhyɛ asomdwoeɛ ho nkɔm no, sɛ ne nkɔmhyɛ no ba mu a wɔbɛgye no atom sɛ obi a ampa ara Awurade* asoma no.”
10Na odiyifoɔ Hanania yii kɔnnua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn mu, bubuu mu,
11na ɔkaeɛ wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ, “Yei ne deɛ Awurade* seɛ: ‘Saa ara na mɛbubu Babiloniahene Nebukadnessar kɔnnua no afiri amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfeɛ mmienu mu.’ ” Odiyifoɔ Yeremia tee yei no ɔfirii hɔ kɔeɛ.
12Odiyifoɔ Hanania bubuu kɔnnua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn mu akyire no, Awurade* asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ:
13“Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade* seɛ: Woabubu dua kɔnnua mu, nanso mede dadeɛ kɔnnua bɛsi anan mu.
14Na sɛdeɛ Asafo Awurade*, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: Mede dadeɛ kɔnnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wiram mmoa so.’ ”
15Na odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania sɛ, “Tie, Hanania! Awurade* nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atorɔ ato mu.
16Ɛno enti, sɛ Awurade* seɛ nie: ‘Merebɛyi wo afiri asase so. Afeɛ yi mu ara wobɛwu, ɛfiri sɛ woaka atuateɛ nsɛm atia Awurade*.’ ”