Yeremia 45:1-4 TWIACB2020 - Bible AI

1Yei ne nsɛm a odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan so mu, ɛberɛ a na Baruk atwerɛ nsɛm a ɛfiri Yeremia anom no agu nwoma mmobɔeɛ bi mu.

2“Baruk, yei ne deɛ Awurade*, Israel Onyankopɔn ka kyerɛ wo:

3Wokaa sɛ, ‘Nnome nka me! Awurade* de awerɛhoɔ aka me yeadie ho, na apinisie ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.’

4Deɛ Awurade* seɛ nie: ‘Mɛsɛe deɛ makyekyereɛ na matu deɛ medua no ase wɔ asase no so nyinaa.

Copyright © 2020 Biblica, Inc.
v>