1Adehunu a ɛfa Yerusalem, Anisoadehunu Bɔnhwa no ho:
2Ao Kuro a basabasayɛ ahyɛ no ma,
3Mo adikanfoɔ nyinaa abɔ mu adwane;
4Enti mekaa sɛ, “Momfiri me so
5Awurade, Asafo Awurade* wɔ da bi
6Elam fa bɛmma no
7Nteaseɛnam ayɛ mo bɔnhwa fɛfɛ no ma,
8Wɔayi Yuda ho banbɔ no.
9wohunuu sɛ Dawid Kuropɔn no
10Wokanee adan a ɛwɔ Yerusalem no
11Woyɛɛ nsukoraeɛ wɔ afasuo mmienu no ntam
12Awurade, Asafo Awurade*,
13Nanso hwɛ, woka sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ wɔ hɔ;
14Awurade, Asafo Awurade* ayi me asotire sɛ, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kɔsi wo wu da,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade* seɛ nie.
15Yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade* seɛ,
16Ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha na hwan na ɔmaa wo kwan
17“Hwɛ yie, na Awurade* rebɛsɔ wo mu den
18Ɔbɛbobɔ wo, ama woayɛ kurukuruwa,
19Mɛgye wʼadwuma afiri wo nsa mu
20“Saa ɛda no, mɛfrɛ me ɔsomfoɔ Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima.
21Mede wʼatadeɛ yuu bɛhyɛ no na mede wʼabowomu abobare nʼasene mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda efie.
22Mede Dawid efie safoa bɛma no; deɛ ɔbɛbue no, obiara rentumi nto mu; na deɛ ɔbɛto mu nso, obiara rentumi mmue.
23Mɛbɔ ne so sɛ pɛɛwa ama watim. Ɔbɛyɛ animuonyam adwa ama nʼagya efie.
24Nʼabusua animuonyam nyinaa bɛgyina ne so: nʼasefoɔ ne mma nana, ne nkuku ne nkaka, firi nwowaa so kɔsi nhina nyinaa so.