1Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho:
2Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔ no so
3Nsuo akɛseɛ no so
4Animguaseɛ nka wo, Ao Sidon, ne wo, Ao ɛpo so aban,
5Sɛ asɛm no duru Misraim a,
6Montwa nkɔ Tarsis;
7Yei ne mo ahosɛpɛ kuropɔn no?
8Hwan na ɔbɔɔ atirimpɔ yei de tiaa Tiro,
9Asafo Awurade* na ɔbɔɔ ne tirimpɔ sɛ,
10Yɛ wʼasase so adwuma te sɛ deɛ wɔyɛ wɔ Nil ho no
11Awurade* apagya ne nsa wɔ ɛpo no so
12Ɔkaa sɛ, “Wʼahurisidie no nso ha ara,
13Monhwɛ Babiloniafoɔ asase no,
14Montwa adwo, Tarsis ahyɛn;
15Saa ɛberɛ no wɔrenkae Tiro mfeɛ aduɔson, a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfeɛ aduɔson akyi no, deɛ ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛdeɛ ɛwɔ odwamanfoɔ no dwom mu no:
16“Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu,
17Mfeɛ aduɔson akyi, Awurade* ne Tiro bɛdi. Ɔbɛsane akɔdi ne paa sɛ odwamanfoɔ na ɔne ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa adi dwa.