Yesaia 9:1-21 TWIACB2020 - Bible AI

1Nanso, wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no, wɔrenni awerɛhoɔ bio. Kane no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufoɔ ɔman na ne kwan da Yordan ne ɛpo ntam no animuonyam.

2Nnipa a wɔnam sum mu ahunu hann kɛseɛ; wɔn a wɔte asase a ɛso sum kabii soɔ no, hann bi apue wɔn so.

3Woatrɛ ɔman no mu; woama wɔn ani agye mmoroso; wɔdi ahurisie wɔ wʼanim sɛdeɛ nnipa di ahurisie otwaberɛ, sɛdeɛ nnipa ho sɛpɛ wɔn wɔ ɛberɛ a wɔrekyɛ afodeɛ.

4Sɛdeɛ da a Midian dii nkoguo no, saa ara na woadwɛre kɔnnua a ɛda wɔn so no; saa ara na woayi nhyɛsofoɔ poma a ɛda wɔn mmatire so.

5Ɔkofoɔ mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa ne atadeɛ biara a mogya akeka mu no wɔbɛgya agu hɔ na wɔahye. Wɔde bɛsɔ ogya.

6Ɛfiri sɛ, wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin, na amammuo no bɛda ne mmati so. Na wɔbɛfrɛ no Ɔfotufoɔ Nwanwani, Otumfoɔ Onyankopɔn, Daa Agya, Asomdwoeɛ Wura.

7Nʼamammuo no nkɔsoɔ ne nʼasomdwoeɛ bɛtena hɔ daa. Ɔbɛtena Dawid ahennwa so abu nʼahennie, Ɔde atɛntenenee ne teneneeyɛ bɛhyɛ aseɛ na wama atim afiri saa ɛberɛ no akɔsi daa apem. Asafo Awurade mmɔdemmɔ bɛyɛ yei. Awurade Abufuo A Ɛtia Israel

8Awurade ato Yakob nkra a ɛtia no, na ɛbɛka Israel.

9Nnipa no nyinaa bɛhunu, Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria a wɔde ahohoahoa ne ahomasoɔ akoma kasa no,

10“Ntayaa no abubu agu fam nanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto bio. Wɔabubu borɔdɔma nnua no nanso yɛde ntweneduro bɛsi anan mu.”

11Nanso Awurade ahyɛ Resin atamfoɔ den atia wɔn, na ɔhyɛ wɔn atamfoɔ no nkuran.

12Aramfoɔ a wɔfiri apueeɛ fam, Filistifoɔ a wɔfiri atɔeɛ fam, abue wɔn anom amene Israel. Nanso yeinom nyinaa akyiri no ne bo nnwooɛ na ne nsa da so wɔ soro.

13Nanso nnipa no nsane nkɔɔ deɛ ɔtwee wɔn aso no nkyɛn, na wɔmmpɛɛ Asafo Awurade no akyiri kwan nso.

14Enti Awurade bɛtwa etire ne dua afiri Israel ho na ɛberɛ ne demmire nso, ɔde da koro pɛ bɛtwa;

15mpanimfoɔ ne akunini no ne etire no, na atorɔ adiyifoɔ no ne dua no.

16Wɔn a wɔkyerɛ nnipa yi kwan no nnkyerɛ wɔn kwan pa, na wɔn a wɔnya akwankyerɛ no nso fom kwan.

17Enti Awurade ani rennye mmeranteɛ no ho, na ɔrenhunu nwisiaa ne akunafoɔ mmɔbɔ ɛfiri sɛ, obiara nni nyamesu na wɔyɛ amumuyɛfoɔ. Ano biara ka ahuhusɛm. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ, na ne nsa da so wɔ soro.

18Nokorɛm atirimuɔden hye te sɛ ogya; ɛhye nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ, ɛde ogya to kwaeɛbirentuo mu hye no, na ɛnam wisie kumɔnn mu foro kɔ soro.

19Asafo Awurade abufuo so enti, asase no bɛkyene na nnipa bɛyɛ mmabaa ama ogya no; na obiara remfa ne nua ho nkyɛ no.

20Nifa so, wɔbɛfom aduane adi, nanso ɛkɔm bɛde wɔn; benkum so, wɔbɛdidi, nanso wɔremmee. Obiara bɛwe ne ba ɛnam.

21Manase bɛdane Efraim na Efraim adane Manase na wɔbɛbɔ mu atia Yuda. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwoeɛ, na wama ne nsa so ayɛ krado.

Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible™ Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc. Licensed under CC BY-SA 4.0.
>